damnlyrics.com

Akristofoo adooso

Lyrics : Akristofoo adooso

By Hannah Marfo

1st Part (Chorus)

ɛnnɛ akristofoɔ adooso nnipa nyinaa resom Nyame eyieee

ɛno nti ama Nyamesom ayɛ dɛ

ɛnnɛ akristofoɔ adooso oo obibiara reprehwehwɛ Onyame oo aa

ɛno nti ama Nyamesom ayɛ dɛ

mmɔfra nyinaa

mmɔfra nyinaa resom Nyame a

mmapanin nyinaa

mmpanin nyinaa resom Nyame a aa

mmabaawa nyinaa

mmabaawa nyinaa resom Nyame oo wuwuu a

ɛno nti ama Nyamesom ayɛ dɛ (2X)

2nd Part

ɛyɛ me anigye sɛ ɔse me sɛ

Hannah bra ma yɛnkɔ Nyame fie

Onyame me te ne nka akyɛ

Me te din na me yɛ abɔfra

Nnipa nyinaa bɔ ne din ka sɛ

Nkɔmmɔ biara nni hɔ a ne din nnim oo

Ebi se Nyame yɛ ɔdɔ oo a

Ebi se Nyame yɛ ɔbatanpa

Ebi se Nyame ɛdi wɔn asɛm ama wɔn

Ebi se Nyame yɛ okokroko

Ebi se Nyame yɛ ɔsaahene ee

Ebi se Nyame yɛ Odimafo

Ebi se ɔmpɛ ntam mmua atɛn

Ebi se Nyame yɛ ɔmɔborɔhunufoɔ

Ebi se Onyame yɛ onwanwani

Ebi se Onyame yɛ odomakoma

Ebi se ɔkasa a obi nka bi

Tetekwaferɛ no a Nyame no no

Ebi se Nyame yɛ prɛkɛsɛ gyaamadu

ɔfete kɔ teɛ no ho bɔ nnɔteɛ mu

Ebi se Nyame yɛ Odumfoɔ oo

Ebi se Nyame yɛ ɔmɔborɔhunufoɔ

Ebi se Nyame yɛ batanko

Batanko gye ko aa bɔ ne bo

Mmm ɔkofo gyefo Nyame ee

Tutukɔtwere Nyame ee

Awoo yɛn Nyankopɔn ee

yɛn nnyae wo din bɔ da biara da oo wae

3rd Part

Akɔmfoɔ adaadaa yɛn

Adunsifoɔ adaadaa yɛn kwa

ɛnnɛ deɛ yɛda Nyame ase

sɛ w'ama yɛ hunuu wɔn to

ɛnnɛ deɛ nkɛɛnya esi

Obibiara rebɔ ne ho mmɔden

Obiara yɛ n'afa mu deɛ

ɛde aboa Onyame adwuma

ɛmerɛ bi atwam mu no

Na nka ahiafoɔ na esom Nyame aa

Na nka ntetekwaa; awerɛmfoɔ na esom Nyame

ɛnso ɛnnɛ deɛ ente saa oo

Obibiara sua Nyame asɛm; ɛbɔ mpae oo

sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛhunu Nyame yie

ɛnnɛ

lawyerfoɔ resom Nyame

nursefoɔ resom Nyame

doctorfoɔ resom Nyame

Judgefoɔ resom Nyame

Policefoɔ resom Nyame

Adehyeɛ resom Nyame

Eyieee a

ɛno nti na maa

Nyamesom ayɛ dɛ

Repeat Chorus

ɛnnɛ akristofoɔ adooso oo nnipa nyinaa resom Nyame eyieee

ɛno nti ama Nyamesom ayɛ dɛ

ɛnnɛ akristofoɔ adooso o wuwu obibiara reprehwehwɛ Onyame oo a aa

ɛno nti ama Nyamesom ayɛ dɛ

mmɔfra nyinaa

mmɔfra nyinaa resom Nyame a

mmapanin nyinaa

mmpanin nyinaa resom Nyame a aa

mmabaawa nyinaa

mmabaawa nyinaa resom Nyame oo wuwuu a

ɛno nti ama Nyamesom ayɛ dɛ

Ending

Obiara resom Nyame

Obibiara resom Nyame

Nnipa nyinaa resom Nyame ee

Obiara resom Nyame oo

Obiara resom Nyame

Obibiara resom Nyame

Nnipa nyinaa resom Nyame oo

Obiara resom Nyame oo (3X)

Lyrics Submitted by Ocran Joel

Enjoy the lyrics !!!