damnlyrics.com

Koso Na Koso

Koso a na koso (ooohh ooohh)

Kɔso a na kɔso (oohh oohh)

Kɔso a na kɔso(Onyame ba eii)

Kɔso aa kɔso(oohh oohh)

Nkuranhyɛ nnipa na ɛhyɛ

Nanso awerɛkyekyerɛ deɛ efiri Onyame nkyɛn

Yiedie nso ho nni kwati kwan

Ne nyinaa ne Nyame asɛm

Susu fa wo ho to nnipa so e

Nnipa mmoa nso yɛ ade ketewa bi

Nanso yɛte nkwa yi mu deɛ

Anidaso wɔ hɔ ma obia

Dibia ne tebea nso tumi sesa

Nkunim ahyɛnsodeɛ nso ne ntoboaseɛ

Enti Onyame ba eii

Ɛyɛ a hyɛ wo ho den

Efisɛ ɔbra yɛ ɔko ooh

Enti fa Yesu yɔnko ooh

Fa w′akwan hyɛ Yehowa nsa

Ɔnoa na ɔbɛyɛ ooh

Kɔso a na kɔso (Onyame ba eii)

Yɛte nkwa mu yi(anidasoɔ nnya nsa yɛ)

Kɔso a na kɔso (Onyame ba eii)

Yɛte nkwa mu yi deɛ (anidaso wɔ hɔ ma obiaa)

Keep on keeping on

Kɔso a na kɔso kɔso kɔso uu yi yie

Lyrics Submitted by Evans Badu Boampong

Enjoy the lyrics !!!